Dwom 116
 1 Medɔ Awurade ɛfiri sɛ, ɔtee me nne. 
Ɔtee me mmɔborɔhunu su. 
 2 Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso maa me enti, 
mɛfrɛ no wɔ ɛberɛ a mete ase yi. 
 3 Owuo nhoma kyekyeree me, 
ɛda ho ahometeɛ baa me so, 
ɔhaw ne awerɛhoɔ hyɛɛ me so. 
 4 Afei mebɔɔ Awurade din kaa sɛ, 
“Ao Awurade, gye me nkwa!” 
 5  Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni; 
ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma. 
 6  Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban; 
ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me. 
 7 Nya abotɔyam bio, Ao me kra, 
ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie. 
 8 Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu; 
woamma mʼani amporo nisuo, 
na woamma me nan ansunti, 
 9 sɛ mɛnante Awurade anim 
wɔ ateasefoɔ asase so. 
 10 Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ, 
“Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.” 
 11 Na mʼabasamtuo mu, mekaa sɛ, 
“Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.” 
 12 Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade ka 
wɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa? 
 13 Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no so 
na mabɔ Awurade din. 
 14 Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so 
wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim. 
 15 Nʼahotefoɔ wuo 
yɛ aboɔden wɔ Awurade ani so. 
 16 Ao Awurade, ampa ara meyɛ wo ɔsomfoɔ; 
meyɛ wo ɔsomfoɔ, wʼafenaa babarima; 
wayi me afiri me mpɔkyerɛ mu. 
 17 Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wo 
na mabɔ Awurade din. 
 18 Mɛdi me bɔ a mahyɛ Awurade no so 
wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim, 
 19 wɔ adihɔ a ɛwɔ Awurade fie 
wɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem. 
Monkamfo Awurade.