NWOMA A ƐTƆ SO NNUM 
 107
Nnwom 107–150 
 1 Monna Awurade ase na ɔyɛ; 
na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. 
 2 Momma wɔn a Awurade agye wɔn nka saa, 
wɔn a wagye wɔn afiri ɔtamfoɔ nsam no, 
 3 wɔn a ɔboaboaa wɔn ano firii nsase soɔ no, 
ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ, atifi kɔsi anafoɔ. 
 4 Ebinom kyinkyinii wɔ nsase paradada so, 
a wɔanhunu ɛkwan ankɔ kuropɔn no mu, baabi a wɔbɛtumi anya atenaeɛ. 
 5 Ɛkɔm ne sukɔm dee wɔn 
na wɔtotɔɔ baha. 
 6 Afei wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu, 
na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. 
 7 Ɔde wɔn faa ɛkwan tee so 
baa kuropɔn a wɔtumi tena mu no mu. 
 8 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho 
ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. 
 9 Ɔma wɔn a sukɔm de wɔn nsuo 
na ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma. 
 10 Ebinom tenaa esum ne awerɛhoɔ mu, 
nneduafoɔ a wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn, 
 11 ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm ho atua 
na wɔbuu Ɔsorosoroni no agyinatuo animtiaa. 
 12 Enti ɔgyaa wɔn maa adwuma den; 
wɔsuntisuntiiɛ na wɔannya ɔboafoɔ. 
 13 Afei, wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu, 
na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. 
 14 Ɔyii wɔn firii esum ne awerɛhoɔ mu 
na ɔbubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. 
 15 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho 
ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. 
 16 Ɔbubu kɔbere mfrafraeɛ apono 
na ɔtwitwa nnadeban mu. 
 17 Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafoɔ, wɔn atuateɛ enti 
na wɔhunuu amane, wɔn nnebɔne enti. 
 18 Wɔkyirii aduane nyinaa 
na wɔtwe bɛnee owuo ɛpono ano. 
 19 Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu 
na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. 
 20 Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yadeɛ; 
na ɔgyee wɔn firii ɛda mu. 
 21 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho 
ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. 
 22 Momma wɔmmɔ aseda afɔdeɛ 
na wɔmfa ahurisie nnwom nka ne nnwuma ho asɛm. 
 23 Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ ɛpo so; 
wɔyɛ adwadifoɔ wɔ nsuo akɛseɛ so. 
 24 Wɔhunuu Awurade nnwuma, 
nʼanwanwadeɛ a ɛwɔ ebunu mu. 
 25 Ɔkasaeɛ maa ahum tui 
na ɛkukuruu asorɔkye. 
 26 Wɔpagya kɔɔ sorosoro na wɔsiane kɔɔ ebunu mu tɔnn; 
wɔn amanehunu mu no wɔn bo tui. 
 27 Wɔkyim totɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ; 
na wɔnhunu deɛ wɔnnyɛ bio. 
 28 Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu, 
na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. 
 29 Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn; 
ɛpo so asorɔkye ano brɛɛ ase. 
 30 Wɔn ani gyeeɛ ɛberɛ a ɛyɛɛ dinn no, 
na ɔkyerɛɛ wɔn ɛkwan de wɔn kɔduruu gyinabea a wɔpɛ. 
 31 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho 
ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. 
 32 Wɔmma ne so wɔ asafo no mu 
na wɔnkamfo no wɔ mpanimfoɔ nhyiamu ase. 
 33 Ɔdanee nsubɔntene maa no yɛɛ ɛserɛ, 
asutene yɛɛ asase wesee, 
 34 na asasebereɛ danee nkyenenkyene, 
wɔn a wɔte asase no so amumuyɛ enti. 
 35 Ɔdanee ɛserɛ so maa no yɛɛ nsuwansuwa 
na nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ asutene ananmu; 
 36 Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɛkɔm de wɔn kɔsoɛe, 
na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu. 
 37 Wɔyɛɛ mfuo ne bobe nturo 
na ɛmaa wɔn nnɔbaeɛ bebree. 
 38 Ɔhyiraa wɔn na wɔn ase dɔreeɛ. 
Wamma wɔn ayɛmmoa dodoɔ so anhwan. 
 39 Afei wɔn dodoɔ so hwaneeɛ 
na nhyɛsoɔ, amanehunu ne awerɛhoɔ brɛɛ wɔn ase; 
 40 deɛ ɔbu aberempɔn animtiaa no 
ma wɔkyinkyinii asase bonini a ɛkwan nni hɔ so. 
 41 Nanso, ɔpagyaa ahiafoɔ firii wɔn ahohia mu 
na ɔmaa wɔn mmusua dɔree sɛ nnwankuo. 
 42 Ateneneefoɔ bɛhunu ama wɔn ani gye, 
nanso amumuyɛfoɔ nyinaa bɛmua wɔn ano. 
 43 Momma deɛ ɔyɛ onyansafoɔ no mmu yeinom, 
na ɔnnwene Awurade adɔeɛ kɛseɛ no ho.