4
Awurade Bepɔw No 
 1 Nna a edi akyi no mu no, 
Awurade asɔredan bepɔw no betim 
sɛ mmepɔw no nyinaa ti; 
ebegye din aboro nkoko nyinaa, 
na nnipa ahorow bɛbɔ yuu akɔ hɔ. 
 2 Aman bebree bɛba abɛka se, 
“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so, 
nkɔ Yakob Nyankopɔn fi. 
Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan 
sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.” 
Mmara no befi Sion aba, 
na Awurade asɛm afi Yerusalem. 
 3 Obebu amanaman ntam atɛn 
na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. 
Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw 
na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. 
Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, 
na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio. 
 4 Obiara bɛtena ne bobe 
anaa ne borɔdɔma nnua ase, 
na obiara remmehunahuna wɔn, 
efisɛ, Asafo Awurade akasa. 
 5 Amanaman no nyinaa betumi anantew 
wɔn anyame din mu, 
na yɛn de, yɛbɛnantew Awurade, 
yɛn Nyankopɔn Din mu daa daa. 
Awurade Atirimpɔw 
 6 “Saa da no,” sɛnea Awurade se ni, 
“Mɛboaboa mmubuafo, atukɔfo 
ɛne wɔn a mede awerɛhow aba wɔn so ano. 
 7 Mɛma mmubuafo ayɛ me nkurɔfo wɔ asase no so, 
atukɔfo no bɛyɛ ɔman kɛse. 
Awurade bedi wɔn so hene wɔ Sion bepɔw so 
afi da no akosi daa. 
 8 Na wo, nguankuw no abantenten, 
Ɔbabea Sion, abandennen, 
wɔde wo tete tumidi no bɛsan abrɛ wo; 
Ɔbabea Yerusalem nsa bɛsan aka nʼahenni.” 
 9 Adɛn nti na afei woresu dennen, 
wunni ɔhene ana? 
Wo futufo ayera, na enti 
ɔyaw aka wo sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu? 
 10 Bukabukaw wo mu wɔ yawdi mu, Ɔbabea Sion, 
te sɛ ɔbea a awo aka no, 
mprempren ɛsɛ sɛ wufi kuropɔn no mu 
kɔtena sare so. 
Wobɛkɔ Babilonia; 
na hɔ na wobegye wo. 
Ɛhɔ na Awurade begye wo 
afi wʼatamfo nsam. 
 11 Mprempren de, aman bebree aka abɔ mu atia wo. 
Wɔka se, “Wongu Sion ho fi, 
na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!” 
 12 Nanso wonnim Awurade adwene. 
Wɔnte nʼagyinatu ase. 
Wonnim sɛ ɔno na ɔboaboa wɔn ano te sɛ afiafi 
de kɔ awiporowbea. 
 13 “Sɔre, na porow, Ɔbabea Sion, 
mɛma wo dade mmɛn; 
mɛma wo kɔbere tɔte 
na wubebubu aman bebree mu nketenkete.” 
Wode wɔn mfaso a wɔampɛ no ɔkwan pa so bɛbrɛ Awurade, 
wode wɔn ahonyade bɛbrɛ asase nyinaa so wura.