25
Bildad Mmuae A Ɛto So Abiɛsa 
 1 Na Suhini Bildad buae se, 
 2 “Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn; 
ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro. 
 3 Wobetumi akan nʼakofo ana? 
Hena na ne hann nhyerɛn wɔ ne so? 
 4 Ɛno de, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim? 
Ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no bɛyɛ kronn? 
 5 Mpo sɛ ɔsram nhyerɛn 
na nsoromma nyɛ kronn wɔ nʼani so a, 
 6 na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaammoa, 
onipa ba a ɔyɛ osunson bi kɛkɛ!”