23
Hiob Mmuae 
 1 Na Hiob buae se, 
 2 “Nnɛ mpo, mʼanwiinwii mu da so yɛ den; 
ne nsa ayɛ den, mʼapinisi nyinaa akyi. 
 3 Sɛ minim baabi a mehu no; 
anaasɛ metumi akɔ ne tenabea a 
 4 anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim 
na magye akyinnye bebree. 
 5 Anka mɛte mmuae a ɔde bɛma me, 
na madwen nea ɔbɛka ho. 
 6 Ɔbɛsɔre atia me dennen ana? 
Dabi, ɔremmɔ me kwaadu. 
 7 Ɛhɔ de, nnipa trenee betumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim, 
na wobegye me afi me temmufo nsam afebɔɔ. 
 8 “Nanso sɛ mekɔ apuei fam a onni hɔ; 
sɛ mekɔ atɔe fam nso a minhu no. 
 9 Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a minhu no; 
sɛ ɔdan ne ho kɔ anafo fam a, mʼani nhye ne ho. 
 10 Nanso onim ɔkwan a menam so; 
na sɛ ɔsɔ me hwɛ a mepue sɛ sikakɔkɔɔ. 
 11 Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ; 
na manantew nʼakwan so a mamman. 
 12 Mentwee me ho mfii mmara nsɛm a efi nʼanom no ho, 
mama asɛm a efi nʼanom ho ahia me asen me daa aduan. 
 13 “Nanso obiara nni hɔ ka ne ho, na hena na obetumi atia no? 
Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ. 
 14 Ɔde ne mmaransɛm di dwuma tia me; 
ɔda so kora nhyehyɛe a ɛte sɛɛ bebree. 
 15 Ɛno nti na mebɔ hu wɔ nʼanim; 
na sɛ midwen eyinom nyinaa ho a, misuro no. 
 16 Onyankopɔn ama me koma abotow; 
Otumfo ama mabɔ huboa. 
 17 Nanso sum no mma menka mʼano nto mu, 
sum kabii a ɛkata mʼanim no.