4
 1 Hwɛ sɛnea sikakɔkɔɔ ayera ne hyerɛn no ni 
Sikakɔkɔɔ ankasa na ho abiri saa! 
Wɔatoto aboɔdemmo kronkron apete 
wɔ abɔnten biara so. 
 2 Hwɛ sɛnea Sion mmabarima a wodi mu 
na anka wɔsom bo sɛ sikakɔkɔɔ no ayɛ, 
mprempren wɔfa wɔn sɛ dɔte nkuku, 
ɔnwemfo nsa ano adwuma! 
 3 Mpo adompo yi wɔn nufu 
ma wɔn mma num, 
nanso me nkurɔfo ayɛ atirimɔdenfo 
sɛ sohori a ɔwɔ sare so. 
 4 Osukɔm nti, akokoaa tɛkrɛma 
fam ne dodo mu; 
mmofra no srɛ aduan, 
nanso obiara mfa mma wɔn. 
 5 Wɔn a na anka wodi nnuan pa no 
ohia buruburoo aka wɔn wɔ mmɔnten so. 
Wɔn a wɔde sirikyi tetew wɔn no 
mprempren wɔdeda nso a wɔaboa ano so. 
 6 Me nkurɔfo asotwe 
so sen Sodom a 
wotuu wɔn mpofirim no, 
a wɔannya ɔboafo biara de. 
 7 Na wɔn ahenemma ho twa sen sukyerɛmma, 
na wɔnan sen nufusu, 
na wɔn nipadua no bere, na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa, 
na wɔte sɛ hoabo. 
 8 Nanso mprempren de, wobiri sen wusiw bɔtɔ; 
na wonhu wɔn yiye wɔ mmɔnten so. 
Wɔn were atwintwam wɔ wɔn nnompe so; 
ho awo wosee sɛ abaa. 
 9 Wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ye koraa 
sen wɔn a ɔkɔm kunkum wɔn; 
ɔkɔm tware wɔn ma wowuwu, 
esiane aduan a enni mfuw so nti. 
 10 Mmea a wɔwɔ ayamhyehye 
de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma, 
ayɛ wɔn aduan, 
bere a wɔsɛee me nkurɔfo no. 
 11  Awurade ada nʼabufuwhyew nyinaa adi; 
wahwie nʼabufuw a ano yɛ den no. 
Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion 
ma ɛhyew ne fapem. 
 12 Asase so ahemfo annye anni, 
wiase mu nnipa nso annye anni 
sɛ atamfo betumi ahyɛn 
Yerusalem apon mu. 
 13 Nanso esii, nʼadiyifo no bɔne 
ne nʼasɔfo amumɔyɛ nti, 
wɔn na wohwiee atreneefo mogya 
guu wɔ kuropɔn no mu. 
 14 Afei wɔkeka wɔ mmɔnten so 
te sɛ nnipa a wɔn ani afura. 
Mogya a ama wɔn ho agu fi no nti 
obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntade. 
 15 Nnipa teɛteɛɛ mu gu wɔn so se, “Mumfi ha nkɔ! Mo ho ntew!” 
“Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.” 
Sɛ woguan kɔnenam a 
amanaman no mu nnipa ka se, 
“Wɔrentumi ntena ha bio.” 
 16  Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete; 
nʼani nni wɔn so bio. 
Wɔmmfa nidi mma asɔfo, 
na wɔn ani nsɔ mpanyimfo. 
 17 Nea ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn, 
yɛpɛɛ sɛ yebenya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa; 
yefi yɛn abantenten so de yɛn ani too 
ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so. 
 18 Nnipa dii yɛn ntɛntɛnso wɔ yɛn anammɔntu mu, 
enti yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so. 
Yɛn awiei bɛnee, na wɔkan yɛn nna, 
efisɛ na yɛn awiei adu so. 
 19 Yɛn ataafo ho yɛ hare 
sen akɔre a wɔwɔ wim; 
wɔtaa yɛn faa mmepɔw so 
na wɔtɛw yɛn wɔ sare so. 
 20 Nea Awurade asra no ngo, yɛn nkwa home ankasa no, 
kɔtɔɔ wɔn mfiri mu. 
Yegye dii sɛ ne nwini ase, 
yebenya nkwa wɔ amanaman no mu. 
 21 Di ahurusi na ma wʼani nnye, Edom Babea, 
wo a wote Us asase so. 
Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi; 
wobɛbow na wɔabɔ wo adagyaw. 
 22 Ɔbabea Sion, wʼasotwe bɛba awiei; 
ɔremma wo nkɔ so ntena nnommum mu. 
Nanso Ɔbabea Edom, obetua wo bɔne so ka 
na wada wʼamumɔyɛ adi.